Home » Music » Noble Adu Kwasi - Akwankwaa Hiani (Lyrics) To see lyrics, enable subtitles

Noble Adu Kwasi - Akwankwaa Hiani (Lyrics) To see lyrics, enable subtitles

Written By Kwabena Antwi-Boasiako on Thursday, Feb 28, 2013 | 06:41 PM

 
I do not own the rights to this song. Lyrics (also available in English and Twi when subtitle is enabled) Akwankwaa hiani ee Enowaa e, mede me ho aba Me ara na m’akɔ pɛ me ho asɛm Deɛ mopɛ biara monfa nyɛ me Akwankwaa hiani ee Enowaa e, mede me ho aba Me ara na m’akɔ pɛ me ho asɛm Deɛ mopɛ biara monfa nyɛ me Ɛmpayinfoɔ kaeɛ a Sɛ yɛkae a ɛyɛ ampa Yɛse abɔfra bɔ nwa, Na wɔmmɔ akyekyedeɛ Na makɔpɛ me ho asɛm yi Akɔbɔ akyekyedeɛ yi Ɛbɛyɛ dɛn na memmerɛ oo? Ɛbɛyɛ dɛn na memmerɛ oo Ɛbɛyɛ dɛn na memmerɛ wae Medeɛ mewɔ hɔ yi Mayɛ odwanfunu, mensuro sekan Ɛfisɛ menni ɔdɔfo Onua Barima, agya Robert sɛ Nasetena a ɔwɔ mu no N’asɛm ayɛ mmɔbɔ, N’asɛm ayɛ mmɔbɔ Okwantenpɔn mu Okwantenpɔn mu sahoma Me ara na mepɛ, mepɛ m’adonko Enti na yɛto me no wae Agya Ben sɛ, ɔpapa akɔ wuo agya no Kwaku Nkoa se, Afia Sekyi wuo nti Dabiara adwendwen Na ɔyɛ ne ho dɛn nni? Owuo nti na aba saa Owuo nti na aba saa wae Akwankwaa hiani ee Enowaa e, mede me ho aba Me ara na m’akɔ pɛ me ho asɛm Deɛ mopɛ biara monfa nyɛ me Saa na ewiase teɛ Yɛwo wo agyanka a W’asɛm yɛ mmɔbɔ W’asɛm yɛ mmɔbɔ, w’ati Mayɛ kosuamua Mapie kokromotie Ɛne onipa nsam Kokromotie yi fikyiri me Na ebi nso sekyiri me Kwantenpɔm mu sahoma Mondwoodwoo me oo Adu Kwasi, meyɛ ohianiwaa Aboahia nti, matu kwan aba obi man so Ɛno nti ara na mebrɛ yi Akwantufoɔ yɛ mmɔbɔ sɛ Akwankwaa hiani ee Mede me ho aba Me ara na m’akɔ pɛ me ho asɛm Deɛ mopɛ biara monfa nyɛ me Akwankwaa hiani ee Enowaa e, mede me ho aba Me ara na m’akɔ pɛ me ho asɛm Deɛ mopɛ biara monfa nyɛ me Onua akwantu nie ee Nni awerɛhoɔ, na saa na ɛteɛ W’akɔ obi krom’ Ɔhɔhoɔ ne kromani nsɛ nti Ɛyɛ a to wo boa se Yɛdwoodwoo we a, mensu Uncle Dannso sɛ Ɔhɔhoɔ asɛm ɛyɛ awerehoɔ Na ɔkaae a, ɛyɛ ampa Akwankwaa hiani ee Enowaa e, mede me ho aba Me ara na m’akɔ pɛ me ho asɛm Deɛ mopɛ biara monfa nyɛ me Akwankwaa hiani ee Enowaa e, mede me ho aba Me ara na m’akɔ pɛ me ho asɛm Deɛ mopɛ biara monfa nyɛ me Ao anuanom Akwantuomusɛm, ɛyɛ a na awerɛhoɔ wae M’atu kwan aba obi kurom nti Yɛhun’ me a na yɛɛsere me Nso menyɛɛ bɔne biara wae Akwankwaa hiani ee Enowaa e, mede me ho aba Me ara na m’akɔ pɛ me ho asɛm Deɛ mopɛ biara monfa nyɛ me